Yeete Nsem, Pt. 12

Amerado

And now wey you people dey see say Shatta Wale do something?
Long time, you people no talk
Beyoncé no do video with him a, like you people no go talk?
Nsɛm no abɛgum′, na mɛka ama moate (mobɛte)
Kɔnkɔnsa no, mapackage ama no akye (monchorke)
Wopɛ wo ho asɛm paa ara, w'asɛm trende wɔ week no mu a (wobɛte)
Mede bɛbam′, wobɛsu, "Maa, maa" (forgette)

Nsɛm no, ɛnnɛ deɛ, pan ma
Ani soso, chale, Sunsum koraa mma
Akuapem Poloo se Mzbel asa
Ɔnim twerking, ne to ketewa sɛ pear aba

Ah, deɛn asɛm koraa na asie?
Seisei, twerking adane akansie?
Ace Hood agyaa Ɔbedepɔnbede sɛ statue a ɔpromisee no no
Deɛn nti na wansie? Sarkodie ne anumdwa (Ɔbede)

Ah, hey-ba-baa, him wo handkey
Ah, Sister Wendy Shay, ne ho tɛ no o
Ɔno se ɔsɛ Beyoncé?

Barcelonafoɔ Arturo Vidal
Yɛse ne nua ketewa atra Senegal
All the way to Ghana abɛyɛ Voters ID
Mese akoa no sɛ no paa o

Ah, Mama Stephanie Benson
Ɔno nso so bɛyɛɛ sex education
Ɔse, "Ɔbaa, worefa barima a, fa gentle
Nyɛ deaa n'ade no wa a na apa w'agyina mu sɛ extension"

Ah, Mama Dokono se ɔwɔ tumi a nka Ghana bɛfono
Bishop Obinim, ɔbɛbu no mu sɛ akɔkono
Ka no sɛ banku no
Ɔsɔfo ei, wotempte a (wobɛte)

Ah-huh, MzVee, y′all
Mo nyinaa monim sɛ wafiri Lynx hɔ
Ɔse biribi na ɛpushee no, na ɛnyɛ ne mfomsoɔ
Na wayɛ depressed, nti na ɔde ne career no too hɔ

Final student bi akɔdwi apɔɔ
Questions no aswerve no ama wantumi antworɔ
Naano nso KNUST ayi fresh vice chancellor
Ɔbaa, ei, Techfoɔ, wei deɛ first time record (moasette)

Aban se wate so, transport fare
Nso trotro drivers se ɔmo nyɛ aware
Ɛnora, na mekuta 20, from Ablekuma Curve
Antumi amfa me ankɔ Opera Square

Herh, Po-Po, Po-Pope Skinny
Wagyae nwomtoɔ akɔhyɛ aburokyire
Online na mehunuu video ′bie'
Ɔse Shatta fans adwene tumm sɛ bidie
Hm, yɛrete nsɛm

Nsɛm no abɛgum′, na mɛka ama moate (mobɛte)
Kɔnkɔnsa no, mapackage ama no akye (monchorke)
Wopɛ wo ho asɛm paa ara, w'asɛm trende wɔ week no mu a (wobɛte)
Mede bɛbam′, wobɛsu, "Maa, maa" (forgette)

Ah, Socrate Sarfo, ɔse Ghana mmaa a
Ɔmo bɔ nwom no, ɛyɛ possible paa
Sɛ ɔmo bɛkɔ akyire, na ɛnyɛ joking koraa
Hwɛ the likes of Eno, Freda, Sista Afia

Ah, Serwaa Amihere
Animguaseɛ se, "Where are you?" Ɔse, "I'm here"
Ɔrekɔinterview Kojo Nkrumah, tie bi ɛ
Minister no de no kɔɔ different level maa no yɛɛ dinn
Aw, my dear (monhwɛ no)

Jibo Kente, waba ma amansana afeeli
Ahemfo refira, nti wo nso wonya wo wedding bi
Wo maame birthday, wobɛtɔ Kente akyɛ no a
Ɛyɛ Jibo Kente ara na ɛrekɔ o, monkɔtɔ

Yeah, welcome, asɛm kɛseɛ bi aba o
Sister bi nso ne obi kunu bi nso ada o
Yɛakɔ akɔkyere no de cane aguaa no o
Abaayewaa no body paa ara, tofoo sɛ paanoo

Yɛn wura JM
Wato shots ama Gabby Otchere-Darko
Over some comments he made on the NDC
Ɔse party no shocks mu ago (montighte)

Christiana Awuni, to kɛseɛ
Ɔse asɔrekɔ koraa no, ɛyɛ deɛn?
Ɔbɛkɔ church Sunday
Nka ɔprefer sɛ nka ɔde bɛtena fie mpo aka abeteɛ

Aaba, PPP flag bearership, afei na ɔmo reyɛ see-see-see?
Paa Kwesi Nduom, yɛse ɔnstande biom
Ɛnneɛ afe yi, gye sɛ ɔsigne ma GTV
Papa no aso ayɛ hye rough (monkɔhwɛ)

Erh, Kwesi Appiah, former Black Stars head coach
Ɔse ɔno paa deɛ, seisei, nyɛ adeɛ a ball yɛ no akɔnɔ
Mm, not even four poles

Ah, yɛawura sports mu deaa
Ɛnneɛ Europe, yɛnkɔtwam mmra quick
Dede Ayew, Swansea failed to qualify for top flight o
Ɔmo aka championship

Ah, European Golden Boot
Yɛacrowne striker a ɔyɛ good
Lewandowski ne C. Ro hyɛɛ goals o
Nso Ciro Immobile, na ɔyɛ too good

Ah, FA Cup final
Between Arteta ne Lampard
Arsenal hyɛɛ Chelsea, 2-1, faa cup no
Aubameyang, ne tiri sɛ Core Maths

Transfer no nso gu so rekɔ so
Manchesterfoɔ nso repɛ Sancho
City de 40 million pounds atɔ Nathan Aké afiri Bournemouth
Me ara me capo

Deɛ a ɛ′dɛ
Nsɛm sɛbɛ na mawɔ no sɛ abɛ
Sports news yi was sponsored by
Amerado T-Shirt yi, n'sɛ ɛyɛ wo fɛ

DKB akɔyɛ virtual concert
Braa Ti Kɛseɛ, wakɔyɛ wonders
Tracey Boakye ne Mzbel rebɔ atwɛdeɛ
Karishika ne Kyeiwaa, wei deɛ, Power Rangers

Na Asaase Radio de ahyɛ yɛn ani
Ɔmo se clashe o, wei deɛ clash tugyimii
Kasa tenten, atwi me mu
Mesrɛ, momma me gya a nsuo bi gum' ngu me mu

Ei, na wei, nsuo anaa waakye?
Hwɛ, hwɛ, hwɛ aseɛ hɔ, shito no achorke
Wow, mereyɛ no quick na makɔ akɔdi
Memma obiara, Jah Waakye, chale, Rockstone, medaase

Herh, chale, ma memfa nsi
Lyrical Joe birthday, na waheati
Ɔdroppe ′5th August′, rap song paa
Herh, boy no yɛ good sɛ adeɛ bi!
Herh, Episode 13, next week, ɛbɛba

Nsɛm no abɛgum', na mɛka ama moate (mobɛte)
Kɔnkɔnsa no, mapackage ama no akye (monchorke)
Wopɛ wo ho asɛm paa ara, w′asɛm trende wɔ week no mu a (wobɛte)
Mede bɛbam', wobɛsu, "Maa, maa" (forgette)

Shout-outs to Man Bobo Blay
Jango, Wengeze, happy birthday, my gee!
The Mic Burners, Zino!
New freestyle no a ɔde aba no, abɔ dam
N′sɛ akye wo!

Daftar lirik lagu Amerado